Jump to content

Odeepua

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Odeepua
infectious disease, class of disease
subclass ofcandidiasis, vulvovaginitis, vaginal disease, Nyarewa Sesa
facet ofwomen's health Sesa
health specialtygynaecology Sesa
symptoms and signsrash, swelling Sesa
anatomical locationvagina, vulva Sesa
ICD-9-CM112.1 Sesa
NCI Thesaurus IDC2914 Sesa

Odeepua yɛ yareɛ bi a mmoawa nketenkete bi a yɛmfa yɛn ani nhunu wɔn a abɔdeɛ mu nyansapɛfoɔ frɛ Candida Albicans na ɛde ba. Saa Candida Albicans yi, baabi a ɔtaa tena pa ara wɔ nnipadua no mu ne yɛn anom, yɛn menem, yɛn yafunu mu na sɛ ɛyɛ ɔbaa nso a, n'ase mu ka ho na ɔmfa ɔhaw biara mma hɔ. Yareɛ a Candida Albicans a ɛwɔ mmaa ase de ba na yɛreka ho asɛm wɔ ha yi. Ɛyɛ berɛ a candida mmoawa a ɛwɔ mmaa ase no ho ba asɛm. Yei kyerɛ sɛ saa mmoawa yi dodoɔ anya nkɔanim koraa sen dodoɔ a ɛsɛ sɛ ɛwɔ ɔbaa biara ase.

Ɛdin foforɔ a wɔde nim no wɔ Ghana ha ne White na wɔfrɛ no “vaginal yeast infection, vaginal candidiasis,” “vulvovaginal candidiasis,” " moniliasis," anaa “candidal vaginitis” wɔ ayaresa mu.[1]

Odeepua tumi yɛ mmaa ne mmarima nyinaa nanso mmaa pa ara na ɛtaa yɛ wɔn. Wɔka sɛ, sɛ yɛyi mmaa nnan (4) si hɔ a, wɔn mu mmiɛnsa (3) na wɔnya saa yareɛ yi bi wɔ wɔn asetana mu. Mmaa a wɔmfa wɔn ho nhyɛ nna mu koraa tumi nya saa yareɛ yi bi. Ne nyinaa mu no, wɔmmu Odeepua sɛ yareɛ a yɛnya firi nna mu (STI) nanso nna mu nkitahodie ma no sane afoforɔ.

Saa yareɛ yi ma mmaa ase keka wɔn na nsuo bi a ɛpi na n'ahosuo yɛ fitaa a ɛnni nka biara firi hɔ ba. Sɛ wonya saa yareɛ yi bi ɛnnɛ a, ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛnya bi berɛ foforɔ.

Mmoawa a wɔde yareɛ yi ba

[sesa]

Ɛwom, Candida albicans yɛ mmoawa nketenkete ɛtaa de Odeepua ba deɛ nanso mmoawa nketenkete ahodoɔ bi te sɛ Saccharomyces cerevisiae, Candida glabrata, Candida krusei, Candida kefyr, Candida parapsilosis, Candida tropicalis, Candida dubliniensis, Candida guilliermondii ne Candida orthopsilosis[2] nso tumi de ba.

Adanseɛ pii na ɛwɔ hɔ a ɛdi yei ho adanseɛ. Ɛmu baako ne nhwehweɛmu bi a wɔyɛɛ wɔ Hungary man no mu. Ɛbɛdaa ɛdi sɛ, mmaa ahasa aduoson a wɔanya Odeepua no, mmoawa nketenkete a wɔnyɛ Candida albicans yi mu bi ma ɛmaa wɔnyaa Odeepua yareɛ no. Mmowa a wɔnyɛ Candida albicans a wɔde Odeepua ba no, wɔn dodoɔ no kɔ ara na ɛrekɔ n'anim ɛnkanka wɔ mmaa a wɔanya HIV anaa Babasoweremfoɔ yareɛ no bi.

Nsɛnkyerɛnne ahodoɔ a ɛda ɛdi

[sesa]

Nsɛnkyerɛnne ahodoɔ a ɛda ɛdi wɔ ɔbaa bi a wɔanya Odeepua ho bi ne sɛ:

  • n'ase anaa n'ase ano keka no.
  • n'ase ho nyinaa tumi hono.
  • ɔte yaw wɔ n'ase mu anaa anoano no.
  • n'ase hyehye no berɛ a ɔrenya nna mu kyɛfa.
  • Nsuo a ɛpi anaa nneɛma a abɔ ntoa na n'ahosuo yɛ fitaa nnka biara nni mu firi n'ase ba.[3]
  • mfifiri saa gu n'ase ho.

Nsɛnkyerɛnne ahodoɔ a ɛda ɛdi wɔ ɔbarima bi a wɔanya Odeepua ho bi ne sɛ:

Ɔdeepua wɔ hɔ yi, nsɛnkyerɛnne a ɛda adi wɔ mmarima fam no taa da ɛdi wɔ mmarima no kɔte ano.

  • Ne kɔte ano yɛ kɔkɔɔ pa ara.
  • Ne kɔte ano keka no anaa sɛ ɛyɛ no hene.
  • Nsuo fitaa bi firi ne kɔte mu ba.

Sɛ nsɛnkyerɛnne no anna adi wɔ ne barima ho a, ɛtumi da ɛdi wɔ n'ano anaa ne honam ani.

Nneɛma a ɛde yareɛ yi ba

[sesa]

Nneɛma piii no ara na ɛde Odeepua yareɛ yi ba. Saa nneɛma yi bi ne:

  • nnuro a yɛnom de ko tia mmoawa wɔ yɛn nnipadua mu no. Saa nnuro yi te ahoɔden a mmowa papa a wɔbɔ mma ase ho ban te sɛ Lactobacillus ahoɔden so na ɛno ma Candida mmoawa no nya ahoɔden a wɔde bɛdi wɔn dwuma.
  • Asikire yareɛ a yɛn ntumi nsɔ ano.
  • sɛ ɔbaa bi fa afuro a.
  • honam mu nsakraeɛ a ɛba berɛ a ɔbaa bi nsabuo berɛ reyɛ aduru soɔ no.
  • ɔbrɛ ne adwenedwene.
  • berɛ a obi ne nkwammoa ahoɔden so ate.
  • sɛ obi ɛnnidi yie ɛnkanka berɛ ne sɛ ɔtaa di nnuane a asikyire ahyɛ no ma no.

Ɔkwan a wɔfa so hunu

[sesa]

Ɔkwan a wɔfa so hu sɛ obi anya Odeepua yareɛ no bi ne sɛ, dɔkota no bɛbisa ɔyarefoɔ no nsɛnkyerɛnne ahodoɔ a ɛda ɛdi wɔ ne ho, ne nna mu kyɛfa ho abakɔsɛm, ne ɛbia wɔanya ɔdeepua anaa nna yareɛ te sɛ babasowerɛmfoɔ anaa.Deɛ ɛdi hɔ no ne sɛ wɔbɛyɛ ɔbaa no ase mu nhwehweɛmu de ahwɛ sɛdeɛ tebeɛ no si teɛ. Wɔde nsuo a ɛfiri n'ase ba anaa ne dwonsɔ bɛkɔ baabi a wɔyɛ nhwehwɛmu akɔ yɛ mu nhwehwɛmu. Wɔde saa nneɛma yi fa mfidie a wcde yɛ nhwehwɛmu wɔ ayaresabea mu de hwɛ sɛ mmoawa no bi bi wɔ mu anaa. Sɛ wɔwɔ mu pii a, na kyerɛ sɛ, wɔanya Odeepua yareɛ no bi na sɛ ɛnyɛ saa nso a, ɛnneɛ na ɛyɛ biribi foforɔ. Sɛ wɔhunu sɛ ɛyɛ Odeepua a, wɔfiri aseɛ sa ɔyarefoɔ no yareɛ sɛdeɛ ɛsɛ.

Ayaresa mu anidefoɔ pii no ara na wɔka sɛ ankorankorɛ nhwehwɛmu a ɔyarefoɔ no ankasa bɛyɛ no bɛtumi de no ato ɛsiane mu pa ara na nyasa nnim sɛ ɔbɛyɛ saa. Ɛsɛ obiara twe ne ho firi adeyɛ a ɛtɛ saa ho.[4]

Ɔkwan a wɔfa so sa

[sesa]

Ɔkwan a wɔfa so sa saa yareɛ yi gyina ne yareɛ no tebea so sɛ ɛbia ano yɛ den anaa ano wɔfam no.

Odeepua a ano nhyɛda nyɛ den

[sesa]

Wɔ saa Odeepua yi a ayaresa mu no, wɔma ɔyarefoɔ aduro ma no de hyɛ n'ase anaa sɛ ɔnom.

Odeepua a ano yɛ den pa ara

[sesa]

Wɔ saa Odeepua yi a ayaresa mu no, wɔde mmerɛ tenten na ɛma ɔyarefoɔ no aduro ahodoɔ pii ma no nom sane de hyɛ n'ase.

Nnuro a wɔtumi de sa saa yareɛ yi

[sesa]

Nnuro ahodoɔ a wɔtumi de sa saa yareɛ yi gu mu ahodoɔ ahodoɔ. Wɔn mmu biara ne wɔ berɛ a wɔde di dwuma wɔ Odeepua ayaresa mu. Afei nso, onipa a wɔanya yarɛ no nso kyerɛ aduro a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma wɔ n'ayaresa mu.

Nnuro a ayaresa mu abenfoɔ agye atom pa ara wɔ saa yareɛ yi sa mu ne butoconazole, clotrimazole, miconazole, nystatin, tioconazole ne terconazole. [5]Abibirem ɛnkanka Ghana ha no deɛ, yɛtaa de nhaban anaa nnua bi na ɛsa saa yareɛ yi. Nhaban anaa nnua a wɔtaa de saa yareɛ yi ne Nyinya, ogyama, Okanto, Gua koro, sempe, Garlic, dua gyene ne fam wisa[6].

Ɔkwan a wɔfa si yareɛ yi ano

[sesa]

Yɛnni ɔkwan pɔtee bi a yɛfa so si Odeepua yareɛ yi ano nanso yɛwɔ akwan ahodoɔ bi a yɛtumi ate asiane ahodoɔ a ɛbɛtumi de yareɛ yi aba so. Nnipa nyinaa ɛnkanka mmaa a wɔbɛtumi anya saa yareɛ yi bi no, wɔtu wɔn fo sɛ:

  • ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho mfiri ase horo a wɔyɛ kwan bɔne so ho.
  • ɛsɛ wɔhwɛ ntaadeɛ a ɛnkyekyerɛ wɔn pii.
  • hyɛ pante anaa nneɛma a wɔhyɛ wɔ ntaadeɛ ase a wɔde asaawa ayɛ.
  • ɛsɛ wɔsi nneɛma a wɔhyɛ wɔ ntaadeɛ ase yi wɔ nsuo hyeɛ mu.
  • ɛsɛ sɛ wɔdidi yie.
  • Sɛ wɔn atadeɛ fɔ a, ɛsɛ wɔsesa no ntɛm.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. https://kenochherbal.com/2019/07/31/vaginal-candidiasis-odeepua/
  2. DermNet® - Non-albicans candida infections (dermnetnz.org)
  3. Mendling W, Brasch J (July 2012). "Guideline vulvovaginal candidosis (2010) of the German Society for Gynecology and Obstetrics, the Working Group for Infections and Infectimmunology in Gynecology and Obstetrics, the German Society of Dermatology, the Board of German Dermatologists and the German Speaking Mycological Society". Mycoses. 55 (Suppl 3): 1–13
  4. "Vaginal yeast infection". MedlinePlus. National Institutes of Health. Archived from the original on 4 April 2015. Retrieved 14 May 2015.
  5. Workowski KA, Berman SM (August 2006). "Sexually transmitted diseases treatment guidelines, 2006". MMWR. Recommendations and Reports. 55 (RR-11): 1–94. PMID 16888612. Archived from the original on 2014-10-20
  6. https://kenochherbal.com/2019/07/31/vaginal-candidiasis-odeepua/